Luke 3

Yesu fiti ne nnwuma ase

1Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so. 2Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so; na Lisania di Abilene mansinhene, ɛnna Hana ne Kaifa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin. 3Yohane kyinkyinii asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛɛ nnipa sɛ wɔmma wɔmmɔ wɔn asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra afi wɔn bɔne ho na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.

4Sɛnea odiyifo Yesaia kae se, “Ɛnne bi teɛm sare so se, ‘Munsiesie kwan mma Awurade; momma nʼatempɔn nteɛ. 5Mmepɔw bedwiriw, abon nyinaa bɛyɛ ma. Nea akyea bɛteɛ; akwammɔne bɛyɛ akwan pa. 6Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ ”

7Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ, Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. 9Sɛ moammu ɔbra pa a, ɛnne na mote sɛ dua a ɛnsow aba a wɔde abonnua ato ase rebetwa akyene, ahyew no no.”

10Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛnne na dɛn na yɛnyɛ?”

11Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”

12Towgyefo a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”

13Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”

14Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?” Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”

15Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no.

16Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikata. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17Ɔno na sɛ ɔba a, obehuw mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.” 18Ɔnam afotu horow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Yohane afiaseda

19Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho. 20Eyi maa Herode de Yohane too afiase.

Yesu asubɔ

21Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiei no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiei a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. 22Honhom Kronkron sianee te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi soro kae se, “Wone me dɔ Ba a wosɔ mʼani.”

Awo ntoatoaso a efi Yesu so kosi Adam so

23Yesu fitii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuwii sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef nʼagya ne Eli. 24Eli nʼagya ne Mattat; Mattat nʼagya ne Lewi; Lewi nʼagya ne Melki; Melki nʼagya ne Yanai; Yanai nʼagya ne Yosef; 25Yosef nʼagya ne Matatia; Matatia nʼagya ne Amos; Amos nʼagya ne Nahum; Nahum nʼagya ne Hesli; Hesli nʼagya ne Nagai; 26Nagai nʼagya ne Mahat; Mahat nʼagya ne Matatia; Matatia nʼagya ne Semein; Semein nʼagya ne Yosek; Yosek nʼagya ne Yoda; 27Yoda nʼagya ne Yohanan; Yohanan nʼagya ne Resa; Resa nʼagya ne Sorobabel; Sorobabel nʼagya ne Sealtiel; Sealtiel nʼagya ne Neri; 28Neri nʼagya ne Melki; Melki nʼagya ne Adi; Adi nʼagya ne Kosam; Kosam nʼagya ne Elmadam; Elmadam nʼagya ne Er; 29Er nʼagya ne Yosua; Yosua nʼagya ne Elieser; Elieser nʼagya ne Yorim; Yorim nʼagya ne Matat; Matat nʼagya ne Lewi; 30Lewi nʼagya ne Simeon; Simeon nʼagya ne Yuda; Yuda nʼagya ne Yosef; Yosef nʼagya ne Yonam; Yonam nʼagya ne Eliakim; 31Eliakim nʼagya ne Melea; Melea nʼagya ne Mena; Mena nʼagya ne Matata; Matata nʼagya ne Natan; Natan nʼagya ne Dawid; 32Dawid nʼagya ne Yisai; Yisai nʼagya ne Obed; Obed nʼagya ne Boas; Boas nʼagya ne Sala; Sala nʼagya ne Nahson; 33Nahson nʼagya ne Aminadab; Aminadab nʼagya ne Admin; Admin nʼagya ne Arni; Arni nʼagya ne Herson; Herson nʼagya ne Peres; Peres nʼagya ne Yuda; 34Yuda nʼagya ne Yakob; Yakob nʼagya ne Isak; Isak nʼagya ne Abraham; Abraham nʼagya ne Tera; Tera nʼagya ne Nahor; 35Nahor nʼagya ne Serug; Serug nʼagya ne Reu; Reu nʼagya ne Peleg; Peleg nʼagya ne Eber; Eber nʼagya ne Sala; 36Sala nʼagya ne Kainan; Kainan nʼagya ne Arfaksad; Arfaksad nʼagya ne Sem; Sem nʼagya ne Noa; Noa nʼagya ne Lamek; 37Lamek nʼagya ne Metusala; Metusala nʼagya ne Henok; Henok nʼagya ne Yared; Yared nʼagya ne Mahaleleel; Mahaleleel nʼagya ne Kainan; 38Kainan nʼagya ne Enos; Enos nʼagya ne Set; Set nʼagya ne Adam; Adam nʼagya ne Onyankopɔn.

Copyright information for TwiNAK